Romans 2

Asotwe wɔ hɔ

1Mo a mubu afoforo atɛn no, munni anoyi biara. Ɔkwan biara a mobɛfa so abu afoforo atɛn no, ɛnam saa kwan no ara so ma mode atemmu ba mo ho so. Efisɛ, bɔne a ɛma mubu afoforo atɛn no, mo nso moyɛ saa bɔne koro no ara bi. 2Yenim sɛ, sɛ Onyankopɔn bu wɔn a wɔte saa ara no atɛn a na ne kwan so ara nen. 3Na wo, mʼadamfo, wo nso wubu afoforo atɛn wɔ nneɛma koro no ara a woyɛ bi no ho. Wususuw sɛ Onyankopɔn remmu wo atɛn anaa? Anaasɛ ebia, wummu nʼayamye, nʼabodwokyɛre ne ne boasetɔ. 4Ɛyɛ nokware sɛ wunim sɛ Onyankopɔn yɛ mmɔborɔhunufo. Efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ wo kwan a wobɛfa so anu wo ho.

5Nanso wowɔ koma a apirim. Ɛno nti, da a Onyankopɔn bɛda nʼabufuw ne nʼatemmu adi no, wo ara wobɛma asotwe a wɔde bɛtwe wo no mu ayɛ den. 6Nea obiara ayɛ no, ɛso akatua na Onyankopɔn bɛma no anya. 7Wɔn a wɔde boasetɔ yɛ Onyankopɔn apɛde no, ɔbɛma wɔn nkwa a enni awiei. 8Nnipa bi yɛ pɛsɛmenkominya a wɔpo ade trenee kodi ade bɔne akyi; saa nnipa no, Onyankopɔn de nʼabufuwhyew bɛba wɔn so. 9Yudafo ne Amanamanmufo a wɔkɔ so yɛ bɔne no nyinaa behu amane na wɔn werɛ nso bɛhow. 10Nanso wɔn a wotie no no, sɛ wɔyɛ Yudafo anaa Amanamanmufo no, wobenya anuonyam, nidi ne asomdwoe afi Onyankopɔn nkyɛn. 11Onyankopɔn nyɛ nyiyimu na ɔnyɛ animhwɛ nso wɔ nʼatemmu mu. 12Wɔn a wonnim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, bewu a wɔnkae Mmara no nka wɔn ho asɛm, na wɔn a wonim Mmara no na wɔyɛ bɔne no, wɔnam Mmara no so bebu wɔn atɛn.

13Ɛnyɛ sɛ wotee Mmara no ara no, na woyɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim, na mmom, ɛsɛ sɛ woyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ woyɛ. 14Amanamanmufo no nni Mmara nanso wofi wɔn pɛ mu yɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ wɔyɛ; ɛwom sɛ wonni Mmara no so de, nanso wɔn ankasa fa wɔn ho wɔn ho sɛ Mmara. 15Wɔn abrabɔ kyerɛ sɛ, nea Mmara no hwehwɛ no, wɔ wɔn koma mu. Esiane sɛ ɛtɔ da bi a wɔn adwene tia wɔn na ɛtɔ da bi nso a egye wɔn no nti, ɛma ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware. 16Enti Asɛmpa a meka no kyerɛ sɛ, sɛ da no du a, saa na Onyankopɔn nam Yesu Kristo so bebu nnipa kokoamsɛm atɛn.

17Mo Yudafo de, mususuw sɛ mo ne Onyankopɔn te no yiye so, efisɛ, ɔde ne Mmara a monam so benya nkwagye no maa mo. Na moka no mo ano fafa so nso se, moyɛ ne nnamfonom sononko bi. 18Munim nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ moyɛ. Moasua afi Mmara no mu ahu nea eye. 19Mofa mo ho sɛ moyɛ akwankyerɛfo ma anifuraefo, na moyɛ hann nso ma wɔn a wɔte sum mu. 20Mugye di sɛ mubetumi akyerɛ adwenemharefo ne mmofra Onyankopɔn akwan, efisɛ, nokwarem, munim ne Mmara a osuahu ne nokware ahyɛ no ma no.

21Mokyerɛkyerɛ afoforo na adɛn nti na muntumi nkyerɛkyerɛ mo ho mo ho? Moka kyerɛ afoforo se wɔmmmɔ korɔn. Mobɔ korɔn no bi anaa? 22Moka se aguamammɔ nye. Mobɔ aguaman no bi anaa? Moka se, monnsom ahoni, na momfa ahoni ho mpɛ sika?

23Mohoahoa mo ho yiye se munim Onyankopɔn Mmara no nanso monam Mmara no so bu so, bu no animtia. 24Ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwsɛm no ka se mo nti, wiasefo kasa tia Onyankopɔn.

25Sɛ woyɛ Yudani na wudi Onyankopɔn Mmara no so a, ɛyɛ ade a ɛsom bo. Na sɛ moanni so a, nsonoe biara nni mo ne abosonsomfo ntam. 26Sɛ abosonsomfo di Onyankopɔn Mmara so a, munnye nni sɛ ɔde nea ɛfata ne anuonyam a ɛfata a wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma Yudafo no bɛma wɔn? 27Sɛ ɛba saa a, abosonsomfo no bɛkasa atia mo, agu mo, Yudafo a munim Onyankopɔn ho nsɛm no na wahyɛ mo bɔ nanso munni ne Mmara so no anim ase.

28Fa a wɔde mo afa Yudasom mu atwa mo twetia, anaasɛ Yudafo na wɔwoo mo no nkyerɛ sɛ moyɛ Yudafo kann. 29Yudani kann no ne onipa a ne koma mu tew wɔ Onyankopɔn anim. Onyankopɔn nhwɛ twetiatwa ho na mmom ɔhwɛ wɔn a wɔn adwene ne wɔn koma asesa. Obiara a ɔwɔ saa adwensakra abrabɔ mu no, sɛ moankamfo no koraa a, Onyankopɔn bɛhyɛ no anuonyam.

Copyright information for TwiNAK